40Asɛm fi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn bere a awɛmfo so panyin Nebusaradan+ de no fi Rama+ kɔe no. Bere a ɔfaa no no, na wɔde aban nkawa agu ne nsa, na na ɔka Yerusalem ne Yuda nnommum a wɔde wɔn rekɔ nkoasom mu wɔ Babilon no nyinaa ho.+
12 Ɔsram a ɛto so anum no da a ɛto so du a ɛyɛ Ɔhene Nebukadresar,+ Babilon hene, no afe a ɛto so dunkron no, awɛmfo so panyin Nebusaradan,+ a ogyina Babilon hene anim som no no baa Yerusalem.