1 Beresosɛm 5:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Wɔboaa wɔn ɔko no mu, enti wodii Hagrifo ne wɔn a wɔka wɔn ho nyinaa so nkonim, efisɛ Onyankopɔn na wosu frɛɛ no+ ɔko no mu, na wɔde wɔn ho too no so, enti otiee wɔn.+ Dwom 37:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Fa wo ho to Yehowa so na yɛ papa;+Tena asase so na di nokware.+ Dwom 37:40 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 Na Yehowa bɛboa wɔn na wagye wɔn.+Obeyi wɔn afi nnebɔneyɛfo nsam, na wagye wɔn,+Efisɛ wɔaguan atoa no.+ Dwom 84:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 O asafo Yehowa, anigye ne onipa a ɔde ne ho to wo so.+ Yeremia 17:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nhyira ne ɔbarima a ɔde ne ho to Yehowa so na ɔde Yehowa yɛ n’anidaso.+
20 Wɔboaa wɔn ɔko no mu, enti wodii Hagrifo ne wɔn a wɔka wɔn ho nyinaa so nkonim, efisɛ Onyankopɔn na wosu frɛɛ no+ ɔko no mu, na wɔde wɔn ho too no so, enti otiee wɔn.+
40 Na Yehowa bɛboa wɔn na wagye wɔn.+Obeyi wɔn afi nnebɔneyɛfo nsam, na wagye wɔn,+Efisɛ wɔaguan atoa no.+