Hiob 2:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɛnna Satan+ buaa Yehowa sɛ: “Were si were ananmu, na nea onipa wɔ nyinaa ɔde bɛma de agye ne kra.+ Mmebusɛm 13:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Onipa kra agyede ne n’ahonyade,+ na ohiani de, ɔnte animka.+ Ɔsɛnkafo 7:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Nyansa bɔ onipa ho ban+ sɛnea sika nso bɔ onipa ho ban no;+ nanso nimdeɛ so mfaso ne sɛ ɛne nyansa kora ne wuranom nkwa so.+
12 Nyansa bɔ onipa ho ban+ sɛnea sika nso bɔ onipa ho ban no;+ nanso nimdeɛ so mfaso ne sɛ ɛne nyansa kora ne wuranom nkwa so.+