Deuteronomium 28:49 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 49 “Yehowa bɛma ɔman bi a wonte wɔn kasa+ afi asase ano akyirikyiri+ atow ahyɛ wo so sɛ ɔkɔre.+ Kwadwom 4:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Yɛn ataafo ho yɛ hare sen akɔre a wɔwɔ soro.+Wɔtaa yɛn so kitikiti wɔ mmepɔw so.+ Wɔtetɛw yɛn sare so.+ Hosea 8:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “Fa abɛn tua w’ano!+ Na ɔbɛba Yehowa fie so te sɛ ɔkɔre,+ efisɛ wɔabu m’apam so+ na wɔato me mmara.+ Habakuk 1:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 N’apɔnkɔ ho yɛ hare sen asebɔ, na wɔn ho yɛ hu koraa sen anadwo mpataku.+ N’apɔnkɔ de wɔn nan pempem fam kimkim, na wofi akyirikyiri reba. Wotu fãã te sɛ ɔkɔre a ɔde ahoɔhare rekodidi.+
19 Yɛn ataafo ho yɛ hare sen akɔre a wɔwɔ soro.+Wɔtaa yɛn so kitikiti wɔ mmepɔw so.+ Wɔtetɛw yɛn sare so.+
8 “Fa abɛn tua w’ano!+ Na ɔbɛba Yehowa fie so te sɛ ɔkɔre,+ efisɛ wɔabu m’apam so+ na wɔato me mmara.+
8 N’apɔnkɔ ho yɛ hare sen asebɔ, na wɔn ho yɛ hu koraa sen anadwo mpataku.+ N’apɔnkɔ de wɔn nan pempem fam kimkim, na wofi akyirikyiri reba. Wotu fãã te sɛ ɔkɔre a ɔde ahoɔhare rekodidi.+