33 Ɔkwan a Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ momfa so no, monhwɛ sɛ mobɛfa so.+ Moyɛ saa a, mubenya nkwa na asi mo yiye+ na mo nkwa aware asase a morekɔfa no so.
3 Enti Israel, tie na hwɛ sɛ wobɛyɛ+ ne nyinaa na asi wo yiye+ na mo ase atrɛw wɔ asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no so, sɛnea Yehowa w’agyanom Nyankopɔn ahyɛ mo bɔ no.+
23 Asɛm yi nko na mede yɛɛ ahyɛde too wɔn so sɛ: “Muntie me nne,+ na mɛyɛ mo Nyankopɔn+ na mo nso moayɛ me man; monnantew akwan+ a mɛhyɛ sɛ momfa so nyinaa so na asi mo yiye.”’+