7 ɛnde me nso metwa Israel afi asase a mede ama wɔn no so,+ na ofie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛtow afi m’anim akyene,+ na wɔde Israel aka asɛm aserew+ adi ho fɛw aman nyinaa mu.
9 meyi wɔn ama de mmusu aba wɔn so ama asase so ahenni nyinaa awosow,+ na mɛma wɔayɛ ahohorade, na wɔde wɔn bɛka asɛm aserew asopa wɔn,+ na wɔayɛ nnome,+ baabiara a mɛhwete wɔn akɔ.+
18 “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni, ‘Sɛnea mahwie m’abufuw ne m’abufuhyew agu Yerusalemfo so no,+ saa ara na sɛ mokɔ Egypt a, mehwie m’abufuhyew agu mo so, na mobɛyɛ nnome ne ahodwiriwde ne ntanka ade ne ahohora,+ na morenhu ɛha yi bio.’+