12 Na mɛfa Yuda nkae a wɔde sii wɔn ani so sɛ wɔbɛkɔ akɔtena Egypt sɛ ahɔho+ no, na wɔn nyinaa ase bɛtɔre wɔ Egypt asase so.+ Wɔbɛtotɔ nkrante ano, na ɔkɔm+ bɛma wɔn ase ahyew, efi akumaa so kosi ɔkɛse so; nkrante ne ɔkɔm ano na wobewuwu. Wɔbɛyɛ nnome ne ahodwiriwde ne ntanka ade ne ahohora.+