-
Yeremia 44:12Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
12 Na mɛfa Yudafo a aka a wosii wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ Egypt asaase so akɔtena hɔ no, na wɔn nyinaa bewuwu wɔ Egypt asaase so.+ Wobewuwu wɔ sekan ano, na ɔkɔm bɛma wɔn ase ahyew. Efi akumaa so kosi ɔkɛse so, sekan ne ɔkɔm bekunkum wɔn nyinaa. Wɔbɛyɛ nnome, na wɔadan biribi a ɛyɛ hu, ne abusude, na wɔn anim begu ase.+
-