-
Yeremia 42:17, 18Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
17 Na wɔn a wɔde asi wɔn ani so sɛ wɔbɛkɔ Egypt akɔtena hɔ no nyinaa, sekan ne ɔkɔm ne nsanyare a edi awu* na ebekunkum wɔn. Mmusu a mede reba wɔn so no, obiara remfi mu nka, na obiara rennya ne ti nnidi mu.”’
18 “Na nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: ‘Sɛnea mihwiee m’abufuw ne m’abufuhyew guu Yerusalemfo so no,+ saa ara na sɛ mokɔ Egypt a, mehwie m’abufuhyew agu mo so, na mobɛyɛ nnome, na moadan biribi a ɛyɛ hu, ne abusude, na mo anim begu ase,+ na morenhu ɛha yi bio.’
-