-
2 Ahene 25:8-10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 Bosome a ɛto so anum, bosome no da a ɛto so ason, kyerɛ sɛ, Babilon hene Nebukadnesar ahenni afe a ɛto so 19 no, awɛmfo so panyin Nebusaradan+ a ɔyɛ Babilon hene akoa no baa Yerusalem.+ 9 Ɔhyew Yehowa fi+ ne ɔhene fi*+ no ne Yerusalem afi nyinaa dwerɛbee.+ Afei nso, ɔhyew otitiriw biara fi.+ 10 Na Kaldea asraafo a wɔka awɛmfo so panyin no ho no nyinaa dwiriw Yerusalem afasu a atwa ho ahyia no gui.+
-
-
2 Beresosɛm 34:24, 25Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
24 “Nea Yehowa aka ni, ‘Mede mmusu bɛba kurow yi ne wɔn a wɔtete mu so;+ nnome a wɔakyerɛw wɔ nhoma+ a wɔkenkan kyerɛɛ Yuda hene mu no, mede ne nyinaa reba. 25 Esiane sɛ wɔagyaw me+ akɔhyew afɔrebɔde ama anyame foforo, na wɔde wɔn nsa ano adwuma nyinaa ahyɛ me abufuw+ nti, m’abufuw behwie agu kurow yi so, na ɛrennum.’”+
-
-
2 Beresosɛm 36:16, 17Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
16 Nanso wɔkɔɔ so goruu nokware Nyankopɔn nkoa no ho+ buu ne nsɛm animtiaa,+ na wodii n’adiyifo no ho fɛw+ kosii sɛ Yehowa abufuw baa ne man so,+ kosii sɛ wɔannya ayaresa bio.
17 Enti ɔmaa Kaldeafo hene+ de sekan baa wɔn so bekunkum wɔn mmerante+ wɔ wɔn tenabea kronkron hɔ,+ na aberante oo, ɔbaabun oo, ɔpanyin oo, nea wagow oo, wanhu obiara mmɔbɔ.+ Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ ne nsa.+
-