25 “Asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka sɛ, ‘Hwɛ, mede m’ani resi Amon+ a ɔwɔ Noh+ no so, ne Farao so ne Egypt so ne n’anyame+ so ne n’ahene+ so, ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to no so+ nyinaa so.’
3 Ka sɛ, ‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Hwɛ, me ne wo anya, Egypt hene Farao,+ asuboa kɛse+ a woda Nil asuasu mu,+ wo a woka sɛ, ‘Asubɔnten Nil yɛ me dea, na m’ankasa na meyɛ fae’+ no.