9 Obiara a ɔbɛtena kurow yi mu no, nkrante ne ɔkɔm ne owuyare+ na ebekum no, na obiara a obefi adi de ne ho akɔma Kaldeafo a wɔatwa mo ho ahyia no bɛtena nkwa mu, na obenya ne kra sɛ asade.”’+
6 mmarima ne wɔn yerenom ne mmofra nkumaa ne ɔhene mmabea+ ne ɔkra biara a awɛmfo so panyin Nebusaradan+ gyaw no Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ nkyɛn no ne odiyifo Yeremia ne Neria ba Baruk.+