Yeremia 9:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Nea Yehowa aka ni: “Mma onyansafo mmfa ne nyansa nnhoahoa ne ho,+ mma ɔhoɔdenfo mmfa n’ahoɔden nnhoahoa ne ho,+ na mma ɔdefo mmfa n’ahonyade nnhoahoa ne ho.”+ Hesekiel 7:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 “‘Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so, na wɔn sika kɔkɔɔ bɛdan atantanne. Wɔn dwetɛ anaa wɔn sika rentumi nnye wɔn Yehowa abufuw da no.+ Wɔrentumi mma wɔn kra mmee, na wɔrenhyɛ wɔn yafunu mã, efisɛ ɛyɛ hintidua a ɛma wɔyɛ bɔne.+ Hosea 10:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 “Moafɛntɛm amumɔyɛ,+ na moatwa bɔne.+ Moadi nnaadaa aba,+ efisɛ mode mo ho too mo kwan so+ ne mo nnɔmmarima dodow so.+
23 Nea Yehowa aka ni: “Mma onyansafo mmfa ne nyansa nnhoahoa ne ho,+ mma ɔhoɔdenfo mmfa n’ahoɔden nnhoahoa ne ho,+ na mma ɔdefo mmfa n’ahonyade nnhoahoa ne ho.”+
19 “‘Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so, na wɔn sika kɔkɔɔ bɛdan atantanne. Wɔn dwetɛ anaa wɔn sika rentumi nnye wɔn Yehowa abufuw da no.+ Wɔrentumi mma wɔn kra mmee, na wɔrenhyɛ wɔn yafunu mã, efisɛ ɛyɛ hintidua a ɛma wɔyɛ bɔne.+
13 “Moafɛntɛm amumɔyɛ,+ na moatwa bɔne.+ Moadi nnaadaa aba,+ efisɛ mode mo ho too mo kwan so+ ne mo nnɔmmarima dodow so.+