Dwom 123:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Wɔn a wɔn ho adwo wɔn no ama fɛwdi amee yɛn kra dodo,+Na ahantanfo nso ama animtiaabu amee yɛn.+ Yeremia 48:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 “Moabfo atena hɔ dwoodwoo fi wɔn mmofraberem,+ na wɔda wɔn puw so a biribiara nhaw wɔn.+ Wonhwie mfii ade biako mu nguu foforo mu, na wɔnkɔɔ nkoasom mu da. Ɛno nti na ne dɛ da so wɔ mu, na ne hua nsesae no.
11 “Moabfo atena hɔ dwoodwoo fi wɔn mmofraberem,+ na wɔda wɔn puw so a biribiara nhaw wɔn.+ Wonhwie mfii ade biako mu nguu foforo mu, na wɔnkɔɔ nkoasom mu da. Ɛno nti na ne dɛ da so wɔ mu, na ne hua nsesae no.