9 Nanso nneɛma abien yi nyinaa bɛba wo so prɛko pɛ, da koro:+ Abawu ne kunayɛ. Ɛbɛba wo so ahoɔden so,+ efisɛ w’asumansɛm dɔɔso na wo kaberɛkyere ano yɛ den dodo.+
8 Afei ɔbɔfo foforo, nea ɔto so abien, dii akyi kae sɛ: “Wahwe ase! Babilon+ Kɛse no ahwe ase,+ nea ɔmaa aman nyinaa nom n’aguamammɔ+ abufuw nsa+ no bi no!”
2 Na ɔde nne kɛse teɛɛm+ sɛ: “Wahwe ase! Babilon Kɛse no ahwe ase,+ na wabɛyɛ adaemone tenabea ne mframa+ fĩ biara atɛwee ne anomaa biara a ne ho ntew na ɛyɛ abofono atɛwee!+