8 Ɔsram a ɛto so anum no da a ɛto so ason a ɛyɛ Ɔhene Nebukadnesar, Babilon hene, no afe a ɛto so dunkron+ no, awɛmfo so panyin Nebusaradan,+ Babilon hene akoa, no baa Yerusalem.+
9 Ɔmanfo nkae a wogyaw wɔn wɔ kurow no mu ne wɔn a wɔdan kɔɔ n’afã ne nnipa a wɔaka no, awɛmfo so panyin+ Nebusaradan+ de wɔn kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.+
40Asɛm fi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn bere a awɛmfo so panyin Nebusaradan+ de no fi Rama+ kɔe no. Bere a ɔfaa no no, na wɔde aban nkawa agu ne nsa, na na ɔka Yerusalem ne Yuda nnommum a wɔde wɔn rekɔ nkoasom mu wɔ Babilon no nyinaa ho.+