16 Nanso wɔkɔɔ so goruu+ nokware Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtiaa,+ na wodii n’adiyifo no ho fɛw+ kosii sɛ Yehowa abufuw+ baa ne man so a wɔannya ayaresa.+
29 Woka kyerɛɛ wɔn+ sɛ wɔnsan mmra wo mmara+ ho de, nanso wodii ahantansɛm+ na wɔantie w’ahyɛde; na w’atemmusɛm nso,+ wɔyɛɛ ho bɔne,+ ɛno nso na sɛ obi di so a,+ ɔnam so nya nkwa. Wobuu nnua guu wɔn asom+ na wosinsen wɔn kɔn,+ na wɔantie.+
8 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase;+ mmom obiara nantew ne koma+ bɔne atuatew mu. Ɛno nti, mede apam yi mu nsɛm, nsɛm a mehyɛɛ wɔn sɛ wonni so a wɔanni so no nyinaa baa wɔn so.’”
3 “Efi Amon ba Yosia,+ Yuda hene no afe a ɛto so dumiɛnsa so de besi ɛnnɛ da yi, mfe aduonu abiɛsa yi mu, Yehowa asɛm baa me nkyɛn, na mesɔree anɔpahema ne mo kasae; mekasae, nanso moantie.+
4 “‘Monnyɛ sɛ mo agyanom;+ wɔn na tete adiyifo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ:+ “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Mesrɛ mo, monsan mfi mo kwammɔne ne mo nneyɛe bɔne ho mmra.’”’+
“‘Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso amma me,’ Yehowa asɛm ni.+