8 Wɔaman afi ɔkwan a mekyerɛe sɛ wɔmfa so no so,+ wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa. Wɔayɛ nantwi ba honi, na wɔkotow no bɔ afɔre ma no, na wɔka sɛ: ‘Israel man, mo Nyankopɔn ni. Ɔno na odii mo anim fii Egypt asase so.’”+
8 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase;+ mmom obiara nantew ne koma+ bɔne atuatew mu. Ɛno nti, mede apam yi mu nsɛm, nsɛm a mehyɛɛ wɔn sɛ wonni so a wɔanni so no nyinaa baa wɔn so.’”
8 “‘“Nanso wɔtew me so atua,+ na wɔantie me. Wɔn mu biara antow akyide a n’ani gye ho no angu, na wɔannyaw Egypt abosom fĩ no.+ Enti mekae sɛ mehwie m’abufuw agu wɔn so, na mede m’anibere awie wɔn so wɔ Egypt asase so.+