7 “Kae: Mma wo werɛ mmfi sɛnea wohyɛɛ Yehowa wo Nyankopɔn abufuw wɔ sare no so no.+ Efi da a mufii Egypt besi nnɛ a mowɔ ha yi, daa motew atua tia Yehowa.+
7 Efi yɛn agyanom+ bere so na yɛn asodi adɔɔso abesi nnɛ da yi,+ na yɛn bɔne nti, wɔde yɛne yɛn ahene+ ne yɛn asɔfo+ ahyɛ asase so ahene nsa, wɔ nkrante,+ nkoasom,+ afow+ ne animguase+ mu te sɛ nnɛ da yi.