12O Yehowa, sɛ meka m’asɛm kyerɛ wo a, wubu atɛn wɔ trenee mu.+ Sɛ mede me nsɛm dan wo a, wudi ma me. Dɛn nti na abɔnefo kwan si wɔn yiye+ na nkontompofo nyinaa nso ho dwo wɔn?
11 Yuda atwa nkontompo, na wɔayɛ akyide wɔ Israel ne Yerusalem.+ Yuda agu Yehowa kronkronyɛ a n’ani kũ ho no ho fĩ,+ na wakɔware ananafo nyame bi babea.+