Hosea
5 “Asɔfo, muntie;+ Israel fie, monhwɛ; ɔhene fiefo,+ monyɛ aso, na mo so na atemmu bɛba, efisɛ moadan afiri+ wɔ Mispa, na moayɛ sɛ atena a wɔatrɛw mu agu Tabor so.+ 2 Akunkumakunkum* adi wɔn a wɔaman no ti,+ nanso mitu wɔn nyinaa fo daa.+ 3 Minim Efraim,+ na Israel nso nhintaw me.+ Nanso afei, Efraim, wo ne mmea ayɛ adapaade sɛ nguaman,+ na Israel agu ne ho fĩ.+ 4 Wɔn nneyɛe mma wontumi nsan mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn,+ efisɛ aguamammɔ honhom+ wɔ wɔn mu, na wonnim Yehowa.+ 5 Afei Israel ahantan adi adanse wɔ n’anim,+ na Israel ne Efraim bɔne ama wɔawatiriw.+ Na Yuda nso awatiriw te sɛ wɔn ara.+ 6 Wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi kɔhwehwɛɛ Yehowa, nanso wɔanhu no,+ efisɛ na watwe ne ho afi wɔn ho. 7 Wɔatwa Yehowa nkontompo,+ na wɔawowo mma ananafo.+ Enti ɔsram biako bɛmene wɔne wɔn agyapade nyinaa.+
8 “Monhyɛn abɛn+ wɔ Gibea,+ monhyɛn torobɛnto wɔ Rama! Monteɛm wɔ Bet-Awen;+ O Benyamin,+ ɛwɔ w’akyi! 9 O Efraim, da a wɔbɛka w’anim no,+ wobɛyɛ ahodwiriwde. Mama Israel mmusuakuw ahu wɔn ho nokwasɛm.+ 10 Yuda abirɛmpɔn te sɛ wɔn a wɔtwe ɔhye kɔ akyi;+ wɔn so na mehwie m’abufuw agu te sɛ nsu. 11 Wɔahyɛ Efraim so, na wɔabu no atɛn ama wabubu,+ efisɛ wakodi ne tamfo akyi.+ 12 Na meyɛe sɛ nwewee+ maa Efraim ne ɔporɔw maa Yuda fie.
13 “Efraim huu ne yare, na Yuda huu ne kuru.+ Na Efraim kɔɔ Asiria+ na ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛse bi nkyɛn.+ Nanso wantumi ansa mo yare,+ na wannya mo kuru no ano aduru.+ 14 Na mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim+ ne gyatanini ama Yuda fie. Na m’ankasa mɛtetew wɔn mu na mede wɔn akɔ a ogyefo biara nni hɔ.+ 15 Mɛkɔ, mɛsan akɔ me tenabea kosi sɛ wɔbɛsoa wɔn bɔne;+ na wɔbɛba abɛhwehwɛ me.+ Sɛ ɛkã wɔn ani a,+ wɔbɛhwehwɛ m’akyi kwan.”+