Mmebusɛm 30:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani tra wɔn ntɔn, na wɔn ani nsɔ ade.+ Yesaia 9:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na nnipa no nyinaa behu;+ Efraim ne Samariafo+ nyinaa behu, efisɛ wɔka wɔ ahantan ne dwae so sɛ:+ Hosea 7:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Afei Israel ahantan adi adanse wɔ n’anim,+ na wɔnsan mmaa Yehowa wɔn Nyankopɔn nkyɛn,+ na eyi nyinaa nti, wɔnhwehwɛɛ no.+
10 Afei Israel ahantan adi adanse wɔ n’anim,+ na wɔnsan mmaa Yehowa wɔn Nyankopɔn nkyɛn,+ na eyi nyinaa nti, wɔnhwehwɛɛ no.+