2 Ahene 20:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 “O Yehowa, mesrɛ wo, kae+ sɛnea mede nokwaredi+ ne koma mũ+ anantew+ w’anim, na mayɛ nea ɛsɔ w’ani+ biara.” Na Hesekia sui pii.+ 1 Beresosɛm 29:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 O me Nyankopɔn, minim sɛ wohwehwɛ komam,+ na teeyɛ na ɛsɔ w’ani.+ Me de, komam teeyɛ mu na mayi me yam de nneɛma yi nyinaa ama, na wo man a wɔwɔ ha yi nso, wɔayi wɔn yam de nneɛma aboa ma m’ani agye. Dwom 17:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Woapɛɛpɛɛ me komam, woahwehwɛ me mu anadwo,+Woanan me ayiyi me mu; woahu sɛ memmɔɔ pɔw bɔne bi.+M’ano renka mmaratode.+ Dwom 44:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Anka Onyankopɔn renhwehwɛ mu anaa?+Ɔno na onim koma mu ahintasɛm.+ Yeremia 11:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Nanso asafo Yehowa bu atɛn wɔ trenee mu;+ ɔsɔ asaabo ne koma hwɛ.+ Ma minhu w’aweredi wɔn so ɛ, na wo na mede m’asɛm abɛdan wo.+
3 “O Yehowa, mesrɛ wo, kae+ sɛnea mede nokwaredi+ ne koma mũ+ anantew+ w’anim, na mayɛ nea ɛsɔ w’ani+ biara.” Na Hesekia sui pii.+
17 O me Nyankopɔn, minim sɛ wohwehwɛ komam,+ na teeyɛ na ɛsɔ w’ani.+ Me de, komam teeyɛ mu na mayi me yam de nneɛma yi nyinaa ama, na wo man a wɔwɔ ha yi nso, wɔayi wɔn yam de nneɛma aboa ma m’ani agye.
3 Woapɛɛpɛɛ me komam, woahwehwɛ me mu anadwo,+Woanan me ayiyi me mu; woahu sɛ memmɔɔ pɔw bɔne bi.+M’ano renka mmaratode.+
20 Nanso asafo Yehowa bu atɛn wɔ trenee mu;+ ɔsɔ asaabo ne koma hwɛ.+ Ma minhu w’aweredi wɔn so ɛ, na wo na mede m’asɛm abɛdan wo.+