Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Samuel 16:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛnea ɔte ne ne tenten ne ne kɛse,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛnea onipa hwɛ ade na Onyankopɔn hwɛ,+ efisɛ onipa desani hwɛ nea etua aniwa,+ na Yehowa de, ɔhwɛ komam.”+

  • 1 Beresosɛm 28:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 “Na wo, me ba Solomon, hu+ Onyankopɔn a wo papa som+ no no, na fa koma+ a edi mũ ne ɔkra+ mu anigye som no; efisɛ Yehowa hwehwɛ koma nyinaa mu,+ na ohu emu adwene nyinaa.+ Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no,+ na sɛ wugyaw no a,+ ɔno nso bɛtow wo akyene koraa.+

  • Dwom 7:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  9 Mesrɛ wo, ma nnebɔneyɛfo bɔne mmra awiei,+

      Na ma ɔtreneeni ase ntim;+

      Trenee Nyankopɔn+ no na ɔhwehwɛ koma+ ne asaabo+ mu.

  • Mmebusɛm 11:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Koma mu kɔntɔnkyefo yɛ Yehowa akyide,+ na wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ ma n’ani gye.+

  • Yeremia 17:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Me, Yehowa, me na mehwehwɛ koma mu+ na mesɔ asaabo+ hwɛ, sɛ mɛma obiara sɛnea n’akwan+ ne ne nneyɛe te.+

  • Yeremia 20:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 O asafo Yehowa, wo na wohwehwɛ ɔtreneeni mu;+ wo na wuhu asaabo ne koma+ mu. Ma minhu aweredi a wode bɛba wɔn so,+ efisɛ wo na mede m’asɛm adan wo.+

  • Adiyisɛm 2:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 Na mede owuyare bɛbobɔ ne mma na ama asafo no nyinaa ahu sɛ me na mehwehwɛ asaabo ne koma mu, na sɛnea mo mu biara nnwuma te no na mɛma no.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena