11 Israelfo nyinaa abu wo mmara so; wɔaman, na wɔantie wo nne.+ Ɛno nti na nnome ne ntanka+ a wɔakyerɛw wɔ nokware Nyankopɔn akoa Mose mmara no mu no, woahwie agu yɛn so no, efisɛ yɛayɛ wo bɔne.
4 “Nea Yehowa aka ni, ‘Yuda+ bɔne a ɛto so abiɛsa ne nea ɛto so anan nti, merentwe nsan, efisɛ wɔpoo Yehowa mmara,+ na wɔanni n’ahyɛde so, na wɔn atoro+ ma wɔyerae, atoro a wɔn agyanom dii akyi no.+