Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 36:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Nanso wɔkɔɔ so goruu+ nokware Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtiaa,+ na wodii n’adiyifo no ho fɛw+ kosii sɛ Yehowa abufuw+ baa ne man so a wɔannya ayaresa.+

  • Nehemia 9:33
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 33 Woteɛ+ wɔ nea aba yɛn so nyinaa mu, efisɛ woadi nokware+ wɔ nea woayɛ mu, na yɛn na yɛayɛ bɔne.+

  • Yeremia 30:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 W’adɔfo nyinaa werɛ afi wo.+ Ɛnyɛ wo na wɔhwehwɛ w’akyi kwan. W’amumɔyɛ+ bebrebe nti, ɔtamfo abaa na mede ahwe wo,+ na otirimɔdenfo+ asotwe na mede atwe w’aso; wo bɔne adɔɔso.+

  • Kwadwom 1:18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Yehowa teɛ,+ na n’anom asɛm so atua na matew.+

      Aman nyinaa, muntie na munhu me yaw.

      Me mmaabun ne me mmerante kɔ nkoasom mu.+

  • Hesekiel 8:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahu? So ɛyɛ ade ketewa sɛ Yuda fie bɛyɛ abofonode a wɔreyɛ wɔ ha yi de amumɔyɛ+ ahyɛ asase no so mã, na wɔasan abeyi me ahii de dubaa* aka me hwene?

  • Daniel 9:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 O Yehowa, wo na trenee wɔ wo, na yɛn de, animguase na ɛfata yɛn sɛnea ɛte nnɛ yi;+ ɛfata Yudafo ne Yerusalemfo ne Israelfo nyinaa, wɔn a wɔtete bɛn ha ne wɔn a nokware a wɔanni wo nti woabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so no.+

  • Daniel 9:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 O Yehowa, sɛnea wo trenee+ nnwuma nyinaa te no, yɛsrɛ wo, ma w’abufuw ne w’anibere nnan mfi wo kurow Yerusalem, wo bepɔw kronkron+ no so, efisɛ yɛn bɔne ne yɛn agyanom mfomso nti,+ Yerusalem ne wo man adan ahohorade ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia nyinaa.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena