46 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo+ (efisɛ onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bɔne),+ na sɛ wo bo fuw wɔn na wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma atamfo no de wɔn kɔ nkoasom mu, atamfo asase a ɛwɔ akyirikyiri anaa nea ɛbɛn so,+
13 “Onipa ba, sɛ asase bi anni nokware na ɛyɛ me bɔne a,+ mɛteɛ me nsa wɔ so na mabubu dua a wɔde paanoo nkuruwankuruwa sensɛn so no;+ mɛma ɔkɔm+ aba so na matwa onipa ne aboa biara afi so.”+
4 mogya a wuhwie gui no ama woadi fɔ,+ na abosom fĩ a woyɛe no ama wo ho agu fĩ.+ Woama wo nna abɛn, na wo mfe bɛba awiei. Ɛno nti mɛma amanaman abɔ wo ahohora na nsase nyinaa adi wo ho fɛw.+