Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 28:37
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 37 Na Yehowa de wo kɔ aman no so a, wo ho bɛyɛ wɔn nwonwa,+ na wɔde wo bɛka asɛm+ aserew adi wo ho fɛw wɔ hɔ nyinaa.

  • 1 Ahene 9:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 ɛnde me nso metwa Israel afi asase a mede ama wɔn no so,+ na ofie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛtow afi m’anim akyene,+ na wɔde Israel aka asɛm aserew+ adi ho fɛw aman nyinaa mu.

  • 2 Beresosɛm 7:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 ɛnde me nso metutu mo ase afi asase a mede ama mo no so,+ na ofie a mayɛ no kronkron+ ama me din yi, mɛtow afi m’anim akyene,+ na wɔde aka asɛm+ aserew adi ho fɛw aman nyinaa mu.+

  • Dwom 79:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  4 Yɛayɛ ahohorade ama wɔn a wɔtete yɛn ho,+

      Yɛayɛ fɛwdi ne asereserede ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia nyinaa.+

  • Dwom 80:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  6 Woama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no ko wɔ yɛn ho,+

      Na yɛn atamfo di yɛn ho fɛw sɛnea wɔpɛ biara.+

  • Yeremia 18:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 na wɔn asase no ayɛ ahodwiriwde+ ne ade a wɔhwɛ bɔ hwirema daa.+ Obiara a obetwam wɔ hɔ no de ahodwiriw bɛhwɛ na wawosow ne ti.+

  • Hesekiel 5:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 “‘Na mɛma woadan amamfõ ne aniwude wɔ aman a atwa wo ho ahyia nyinaa mu ne obiara a obetwam anim.+

  • Hesekiel 23:32
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 32 “Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Wobɛnom wo nuabea no kuruwa a emu dɔ na ɛtrɛw no ano.+ Na wɔbɛserew wo adi wo ho fɛw, efisɛ kuruwa no mu nneɛma dɔɔso.+

  • Daniel 9:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 O Yehowa, sɛnea wo trenee+ nnwuma nyinaa te no, yɛsrɛ wo, ma w’abufuw ne w’anibere nnan mfi wo kurow Yerusalem, wo bepɔw kronkron+ no so, efisɛ yɛn bɔne ne yɛn agyanom mfomso nti,+ Yerusalem ne wo man adan ahohorade ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia nyinaa.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena