Yeremia 25:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Na nea Yehowa, Israel Nyankopɔn aka akyerɛ me ni: “Gye abufuw nsã kuruwa yi me nsam, na ma aman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom.+ Yeremia 49:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ! Wɔn a wɔntaa nnom kuruwa no ano mpo bɛnom ara.+ Na wo na wobɛfa wo ho adi anaa? Woremfa wo ho nni, nom ara na wobɛnom.”+ Obadia 16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Na sɛnea monom nsa me bepɔw kronkron so no, saa ara na amanaman no bɛkɔ so anom.+ Wɔbɛnom na wɔamene, na wɔayɛ sɛ nea wɔntenaa ase da.
15 Na nea Yehowa, Israel Nyankopɔn aka akyerɛ me ni: “Gye abufuw nsã kuruwa yi me nsam, na ma aman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom.+
12 Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ! Wɔn a wɔntaa nnom kuruwa no ano mpo bɛnom ara.+ Na wo na wobɛfa wo ho adi anaa? Woremfa wo ho nni, nom ara na wobɛnom.”+
16 Na sɛnea monom nsa me bepɔw kronkron so no, saa ara na amanaman no bɛkɔ so anom.+ Wɔbɛnom na wɔamene, na wɔayɛ sɛ nea wɔntenaa ase da.