Obadia
1 Obadia anisoadehu:
Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka afa Edom ho ni:+ “Yɛate amanneɛbɔ bi afi Yehowa hɔ, na watu abɔfo kɔ amanaman no mu sɛ, ‘Monsɔre, momma yɛnsɔre ne no nkɔko.’”+
2 “Hwɛ, mayɛ wo ketewa wɔ amanaman no mu.+ Na wɔmfa wo nyɛ hwee koraa.+ 3 Wo komam ahantan na adaadaa wo,+ wo a wode abotan+ ayɛ wo fie, faako a ɛhɔ korɔn, na woka wɔ wo komam sɛ, ‘Hena na ɔbɛtwe me aba asase so’? 4 Sɛ woma wo ho so kɔ soro sɛ ɔkɔre, anaa woyɛ wo berebuw wɔ nsoromma mfinimfini mpo a, mɛtwe wo afi hɔ aba fam,”+ Yehowa asɛm ni.
5 “Sɛ akorɔmfo na ɛbaa wo so, anaa adwowtwafo na wɔbaa wo so anadwo a, anka wɔbɛsɛe wo akosi he?+ Anka wɔremfa nea wɔpɛ nkutoo? Anaa sɛ wɔn a wɔtew bobe na wɔbae a, anka wɔrennyaw bi wɔ so?+ 6 O, hwɛ sɛnea wɔatwee Esau mu!+ Wɔanunu n’akorade mu! 7 Wɔakogyaw wo ɔhye so tɔnn. Wɔn a wɔne wo ayɛ apam no adaadaa+ wo. Wɔn a wɔne wo te asomdwoe mu no adi wo so.+ Wɔn a wɔne wo to nsa didi no asum wo afiri sɛ obi a onni nhumu.+ 8 So ɛnyɛ saa da no?” Yehowa asɛm ni.
“Mɛsɛe Edom anyansafo+ na mayi nhumu afi Esau bepɔw so. 9 Ehu bɛka wo nnɔmmarima,+ O Teman,+ na wobekunkum wɔn+ na wɔatɔre wɔn nyinaa ase+ afi Esau bepɔw so. 10 Atirimɔdensɛm a wode dii wo nua Yakob nti,+ w’anim begu ase,+ na wobetwa wo afi hɔ koraa.+ 11 Da a wugyinaa nkyɛn na ahɔho faa n’asraafo nnommum+ na ananafo hyɛn ne kurow pon+ mu na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto+ no, woyɛe sɛ wɔn mu biako ara.
12 “Ɛnsɛ sɛ anka wode anigye hwɛ wo nua,+ n’amanehunu da; ɛnsɛ sɛ anka wudi ahurusi Yuda mma no sɛe da no;+ na ɛnsɛ sɛ anka wobae w’anom di wɔn ho fɛw, wɔn ahohia da. 13 Ɛnsɛ sɛ anka wohyɛn me manfo kurow pon mu, wɔn amanehunu da.+ Ɛnsɛ sɛ anka wode anigye hwɛ ne brɛ, n’ahohia da; na ɛnsɛ sɛ anka woteɛ wo nsa ka n’agyapade, n’amanehunu da.+ 14 Ɛnsɛ sɛ anka wugyina nkwanta so twitwa wɔn a wɔreguan no gu,+ na ɛnsɛ sɛ anka wuyi wɔn a aka no ma, ahohia da no.+ 15 Da a Yehowa bɛsɔre atia amanaman no abɛn.+ Nea woayɛ no, wɔde bi bɛyɛ wo.+ Wo nneyɛe bɛdan aba wo so.+ 16 Na sɛnea monom nsa me bepɔw kronkron so no, saa ara na amanaman no bɛkɔ so anom.+ Wɔbɛnom na wɔamene, na wɔayɛ sɛ nea wɔntenaa ase da.
17 “Na Bepɔw Sion so na wɔn a wɔreguan no bɛkɔ,+ na ɛbɛyɛ ade kronkron,+ na Yakob fie bɛfa nea ɛyɛ wɔn dea.+ 18 Yakob fie bɛyɛ ogya,+ na Yosef fie ayɛ ogyaframa, na Esau fie ayɛ sɛ sare;+ na wɔbɛhyew wɔn dwerɛbee. Na obiara remfi Esau fie nka,+ efisɛ Yehowa na waka. 19 Wɔbɛfa Negeb ne Esau bepɔw+ ne Sefela ne Filistifo nsase+ ne Efraim nsase+ ne Samaria nsase+ adi so. Na Benyamin bɛfa Gilead+ adi so. 20 Israel nnommum a wɔwɔ ban+ yi akyi no bɛfa Kanaan+ nsase akosi Sarefat.+ Na Yerusalem nnommum a wɔwɔ Sefarad no bɛfa Negeb nkurow no adi so.+
21 “Na agyefo+ bɛba Bepɔw Sion+ so abebu Esau bepɔw no atɛn,+ na ahenni no ayɛ Yehowa dea.”+