48 Na atamfo a Yehowa bɛsoma wɔn aba wo so no, wode ɔkɔm+ ne sukɔm ne adagyaw ne ohia bɛsom wɔn,+ na ɔde dade kɔndua bɛto wo kɔn so akosi sɛ ɔbɛtɔre w’ase koraa.+
8 “‘“‘Na ɛbɛba sɛ ɔman ne ahenni biara a wɔrensom Babilon hene Nebukadnesar, na wɔremfa wɔn kɔn nhyɛ Babilon hene kɔndua ase no, nkrante+ ne ɔkɔm+ ne owuyare+ na mede bɛba saa ɔman no so, kosi sɛ menam ne nsa so bɛma wɔasa,’+ Yehowa asɛm ni.
14 Na nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Dade kɔndua na mede bɛto amanaman no nyinaa kɔn ho ma wɔasom Babilon hene Nebukadnesar;+ ɔsom na wɔbɛsom no.+ Wuram mmoa mpo, mede wɔn bɛma no.”’”+