12 Sɛ mifi w’anim kɔ a, nea ɛbɛba ne sɛ, Yehowa honhom+ bɛfa wo akɔ baabi a minnim; nanso sɛ mekɔbɔ Ahab amanneɛ na wanhu wo a, okum na obekum+ me; w’akoa de, efi me mmofraase na masuro Yehowa.+
16 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mmarima ahoɔdenfo aduonum ka wo nkoa ho wɔ ha. Ma wɔnkɔ ɛ, na wɔnkɔhwehwɛ wo wura. Ebia Yehowa honhom+ ama no so akɔto bepɔw bi so anaa obon bi mu.” Nanso ɔkae sɛ: “Monnsoma wɔn.”
3 Na ɔteɛɛ biribi te sɛ nsa+ de soo me ti nhwi mu, na honhom+ bi maa me so faa asase ne ɔsoro ntam kɔɔ Yerusalem wɔ Onyankopɔn anisoadehu mu+ kopuee ɔponkɛse+ a ɛhwɛ atifi fam a ɛkɔ ɔdan no mfinimfini no ano, faako a ninkuntwe honi a eyi Onyankopɔn ahii si no.+