Deuteronomium 4:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Yehowa bɛbɔ mo ahwete amanaman mu,+ na mo mu kakraa bi+ na ɛbɛka wɔ aman a Yehowa bɛpam mo akɔ so no so. Deuteronomium 28:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Yehowa bɛma woadi nkogu wɔ w’atamfo anim.+ Wobɛfa ɔkwan biako so akɔ wɔn so na woafa akwan ason so aguan afi wɔn anim, na wo ho bɛyɛ asase so ahemman nyinaa hu.+ Hesekiel 12:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Sɛ mebɔ wɔn pete aman so na mehwete wɔn kɔ nsase so a, wobehu sɛ mene Yehowa.+
27 Yehowa bɛbɔ mo ahwete amanaman mu,+ na mo mu kakraa bi+ na ɛbɛka wɔ aman a Yehowa bɛpam mo akɔ so no so.
25 Yehowa bɛma woadi nkogu wɔ w’atamfo anim.+ Wobɛfa ɔkwan biako so akɔ wɔn so na woafa akwan ason so aguan afi wɔn anim, na wo ho bɛyɛ asase so ahemman nyinaa hu.+