14 “Enti afei munsuro Yehowa+ na momfa koma kronn ne nokwaredi+ nsom no. Na montow anyame a mo agyanom som wɔn wɔ asubɔnten kɛse no agya ne Egypt no ngu,+ na monsom Yehowa.
8 “‘“Nanso wɔtew me so atua,+ na wɔantie me. Wɔn mu biara antow akyide a n’ani gye ho no angu, na wɔannyaw Egypt abosom fĩ no.+ Enti mekae sɛ mehwie m’abufuw agu wɔn so, na mede m’anibere awie wɔn so wɔ Egypt asase so.+