Yesaia 3:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Saa da no, Yehowa beyi wɔn afɛfɛde afi wɔn ho: nankɔn so nkawa ne abotitam ne nnwinne a ɛte sɛ ɔsram,+ Yeremia 4:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Wufuraa ɔtankɔkɔɔ, wode sika agude hyehyɛɛ wo ho, wode adubiri+ kekaa w’ani akyi ma w’aniwa yɛɛ akɛse. Afei a wɔasɛe wo awie yi, dɛn na wobɛyɛ? Womaa wo ho yɛɛ fɛ kwa.+ W’adɔfo apo wo; wo kra na wɔrehwehwɛ.+ Hesekiel 16:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Mede agude siesiee wo; mede nkapo+ guu wo nsa de kɔnmuade+ guu wo kɔn mu.
18 Saa da no, Yehowa beyi wɔn afɛfɛde afi wɔn ho: nankɔn so nkawa ne abotitam ne nnwinne a ɛte sɛ ɔsram,+
30 Wufuraa ɔtankɔkɔɔ, wode sika agude hyehyɛɛ wo ho, wode adubiri+ kekaa w’ani akyi ma w’aniwa yɛɛ akɛse. Afei a wɔasɛe wo awie yi, dɛn na wobɛyɛ? Womaa wo ho yɛɛ fɛ kwa.+ W’adɔfo apo wo; wo kra na wɔrehwehwɛ.+