Yesaia 20:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na wɔhwɛ Etiopia a wɔn ani da no so+ ne Egypt a ɔyɛ wɔn anuonyam+ no a, wɔbɛbɔ hu na wɔn ani awu. Yesaia 31:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Hwɛ, Egyptfo no yɛ nnipa,+ wɔnyɛ Onyankopɔn; na wɔn apɔnkɔ no nso yɛ honam,+ ɛnyɛ honhom. Yehowa bɛteɛ ne nsa na ɔboafo awatiriw, na nea wanya mmoa no ahwe ase.+ Wɔn nyinaa awiei bɛba prɛko. Hesekiel 30:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Sɛ miyi Egypt+ kɔndua fi hɔ a, esum beduru Tapanes.+ Na ne tumi mu ahantan to betwa.+ Omununkum bɛkata no so+ na ne ho nkurow akɔ nkoasom mu.+
3 Hwɛ, Egyptfo no yɛ nnipa,+ wɔnyɛ Onyankopɔn; na wɔn apɔnkɔ no nso yɛ honam,+ ɛnyɛ honhom. Yehowa bɛteɛ ne nsa na ɔboafo awatiriw, na nea wanya mmoa no ahwe ase.+ Wɔn nyinaa awiei bɛba prɛko.
18 Sɛ miyi Egypt+ kɔndua fi hɔ a, esum beduru Tapanes.+ Na ne tumi mu ahantan to betwa.+ Omununkum bɛkata no so+ na ne ho nkurow akɔ nkoasom mu.+