7 Bio nso, ɔde ɔbosom dua a wasen+ no sɛ ohoni no kosii fie hɔ, ofie+ a Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon no sɛ: “Ofie yi ne Yerusalem a mapaw afi Israel mmusuakuw nyinaa mu no na mede me din bɛto so akosi daa.+
14 Asɔfo mpanyin+ ne ɔman no nyinaa nso maa wɔn mmarato dɔɔso bebree, na wɔyɛɛ akyide+ a amanaman no yɛe no bi de guu Yehowa fie a wayɛ no kronkron wɔ Yerusalem no ho fĩ.+