23 “Ɔsoro, munni ahurusi,+ efisɛ Yehowa akanyan ne ho!+ Asase ase tɔnn,+ mommɔ ose!+ Mmepɔw,+ kwae ne emu nnua nyinaa, momma mo ani nnye na mo ho nsɛpɛw mo. Efisɛ Yehowa agye Yakob, na wada n’anuonyam adi wɔ Israel.”+
3 Yehowa bɛkyekye Sion werɛ.+ Ɔbɛkyekye n’amamfõ nyinaa werɛ,+ na ɔbɛma ne sare ayɛ sɛ Eden+ na n’anhwea pradada ayɛ sɛ Yehowa turo.+ Anigye ne ahurusi, aseda ne dwonto bɛyɛ no mã.+