Deuteronomium 31:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Esiane sɛ wɔayɛ bɔne na wɔakodi anyame foforo akyi nti, saa da no meyi m’ani afi wɔn so koraa.+ Dwom 30:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 O Yehowa, w’adom mu na woama me bepɔw atim ahoɔden mu.+Wode w’anim hintawee, na mehawee.+ Yesaia 59:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Mmom mo mmarato na ama mo ne Onyankopɔn ntam atetew,+ na mo ankasa mo bɔne na ama ɔde n’anim ahintaw a ontie mo.+
2 Mmom mo mmarato na ama mo ne Onyankopɔn ntam atetew,+ na mo ankasa mo bɔne na ama ɔde n’anim ahintaw a ontie mo.+