2 Ahene 17:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Wɔsom abosom fĩ+ a Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnyɛ saa ade yi”+ no; 2 Ahene 21:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Bio nso, ɔde ɔbosom dua a wasen+ no sɛ ohoni no kosii fie hɔ, ofie+ a Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon no sɛ: “Ofie yi ne Yerusalem a mapaw afi Israel mmusuakuw nyinaa mu no na mede me din bɛto so akosi daa.+ Hesekiel 6:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Mo afɔremuka bɛsɛe+ na mo aduhuam ade abubu. Na mɛma mo nkurɔfo atotɔ wɔ mo abosom fĩ anim.+
7 Bio nso, ɔde ɔbosom dua a wasen+ no sɛ ohoni no kosii fie hɔ, ofie+ a Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon no sɛ: “Ofie yi ne Yerusalem a mapaw afi Israel mmusuakuw nyinaa mu no na mede me din bɛto so akosi daa.+