12 Akyiri yi, Yuda hene Yehoiakin fii adi kɔɔ Babilon+ hene nkyɛn, ɔne ne maame+ ne n’asomfo ne ne mmapɔmma ne n’ahemfie mpanyimfo; Babilon hene faa no dommum, n’ahenni afe a ɛto so awotwe+ mu.
10 Na afe kɔ behyiae+ no, Ɔhene Nebukadnesar soma+ ma wɔkɔfaa no baa Babilon,+ na wɔde Yehowa fie nneɛma a ɛsom bo kaa ne ho bae.+ Na ɔde ne papa nua Sedekia+ sii Yuda ne Yerusalem so hene.+
24Yehowa ma mehwɛe, na mihuu borɔdɔma nkɛntɛn abien wɔ Yehowa asɔrefie no anim. Saa bere no, na Babilon hene Nebukadresar afa Yehoiakim+ ba Yekonia,+ Yuda hene no ne Yuda mpanyimfo ne adwumfo+ ne abantofo no afi Yerusalem de wɔn kɔ Babilon.+