Numeri 11:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Afei Yehowa sian bae wɔ omununkum+ mu ne no bɛkasae,+ na oyii honhom+ a ɛwɔ no so no bi maa mpanyimfo aduɔson no mu biara. Na bere a honhom no baa wɔn so no, wofii ase yɛɛ wɔn ade sɛ adiyifo; nanso wɔanyɛ biribi a ɛte saa bio.+ 1 Samuel 10:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na Yehowa honhom+ besi wo so, na wo ne wɔn nyinaa bɛkasa sɛ adiyifo,+ na wobɛdan onipa foforo. Hesekiel 2:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Na bere a ɔne me kasae no ara na honhom bi baa me mu,+ na ɛma migyinaa me nan so tiee nea ɔne me rekasa no.+ Hesekiel 3:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Na honhom bi baa me mu,+ na ɛma migyinaa me nan so,+ na ɔne me kasae sɛ: “Kɔhyɛ wo fie na tom. Mika 3:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Nanso me de, Yehowa honhom nti, tumi ne atɛntrenee ne akokoduru+ ahyɛ me mã sɛ menka Yakob atuatew nkyerɛ no na memfa Israel bɔne nsi n’anim.+ 2 Petro 1:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmae da,+ na mmom nea efi Onyankopɔn hɔ na nnipa kae+ sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.+
25 Afei Yehowa sian bae wɔ omununkum+ mu ne no bɛkasae,+ na oyii honhom+ a ɛwɔ no so no bi maa mpanyimfo aduɔson no mu biara. Na bere a honhom no baa wɔn so no, wofii ase yɛɛ wɔn ade sɛ adiyifo; nanso wɔanyɛ biribi a ɛte saa bio.+
2 Na bere a ɔne me kasae no ara na honhom bi baa me mu,+ na ɛma migyinaa me nan so tiee nea ɔne me rekasa no.+
8 Nanso me de, Yehowa honhom nti, tumi ne atɛntrenee ne akokoduru+ ahyɛ me mã sɛ menka Yakob atuatew nkyerɛ no na memfa Israel bɔne nsi n’anim.+
21 Na nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmae da,+ na mmom nea efi Onyankopɔn hɔ na nnipa kae+ sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.+