11 Saa da no, Yehowa bɛteɛ ne nsa ne mprenu so+ de agye ne man nkae afi Asiria+ ne Egypt,+ Patros+ ne Kus,+ Elam+ ne Sinar,+ Hamat ne po so nsupɔw+ nyinaa so.
10 “Enti, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm ni, “na mmɔ hu, O Israel,+ efisɛ megye wo afi akyirikyiri na magye wo mma afi asase a wɔakɔyɛ nkoa wɔ so no so.+ Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛba abɛhome na watena ase dwoodwoo, na obiara renyi no hu.”+
37 ‘Hwɛ, mɛboaboa wɔn ano afi nsase a mebɔɔ wɔn hwetee so m’abufuw ne m’abufuhyew ne m’anibere mu no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba ha ma wɔabɛtena ase dwoodwoo.+
13 Meyi wɔn+ afi aman mu na maboaboa wɔn ano afi nsase so de wɔn aba wɔn asase so.+ Na mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔw so, nsuten ho, asase no so tenabea nyinaa.+
12 Enti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Me man, hwɛ, merebuebue mo adamoa ano,+ na meyi mo afi mo adamoa mu de mo akɔ Israel asase so.+
14 Na mɛma me man Israel nnommum no asan aba,+ na wɔbɛkyekye nkurow a asɛe no atena mu,+ na wɔbɛyeyɛ bobe nturo anom mu nsã na wɔayɛ nnuaba turo adi mu aba.’+