Genesis 19:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɛnna wɔkae sɛ: “Twe wo ho!” Na wɔtoaa so sɛ: “Wobaa ha sɛ ɔhɔho+ ankonam na afei woadan ɔtemmufo.+ Nea yɛde rebɛyɛ wo no bɛsen wɔn de.” Na wotuu bum baa Lot so,+ na wɔpɛe sɛ wobubu ɔpon no+ kɔ mu. Mmebusɛm 16:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Koma mu ɔhantanfo yɛ Yehowa akyide,+ na nsa tɔ nsayam mpo a, onipa remfa ne ho nni.+ Mmebusɛm 16:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ahantan di ɔsɛe anim,+ na ahomaso honhom di asehwe anim.+ Mmebusɛm 21:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ahantan aniwa ne ahantan koma+ ne abɔnefo kanea yɛ bɔne.+ Yakobo 4:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Nanso mode mo ahohoahoa moma mo ho so.+ Ahohoahoa a ɛte saa nyinaa yɛ bɔne.
9 Ɛnna wɔkae sɛ: “Twe wo ho!” Na wɔtoaa so sɛ: “Wobaa ha sɛ ɔhɔho+ ankonam na afei woadan ɔtemmufo.+ Nea yɛde rebɛyɛ wo no bɛsen wɔn de.” Na wotuu bum baa Lot so,+ na wɔpɛe sɛ wobubu ɔpon no+ kɔ mu.