Leviticus 18:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Munni m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so, na moyɛ saa a, monam so benya nkwa.+ Mene Yehowa.+ Nehemia 9:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Woka kyerɛɛ wɔn+ sɛ wɔnsan mmra wo mmara+ ho de, nanso wodii ahantansɛm+ na wɔantie w’ahyɛde; na w’atemmusɛm nso,+ wɔyɛɛ ho bɔne,+ ɛno nso na sɛ obi di so a,+ ɔnam so nya nkwa. Wobuu nnua guu wɔn asom+ na wosinsen wɔn kɔn,+ na wɔantie.+ Amos 5:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 “Na nea Yehowa aka akyerɛ Israel fie ni, ‘Monhwehwɛ me,+ na munnya nkwa.+ Romafo 10:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na Mose kyerɛwee sɛ onipa a ɔyɛ adetrenee wɔ Mmara no mu no nam so benya nkwa.+ Galatifo 3:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Na Mmara no nnyina gyidi so, nanso “nea odi so no nam so benya nkwa.”+
29 Woka kyerɛɛ wɔn+ sɛ wɔnsan mmra wo mmara+ ho de, nanso wodii ahantansɛm+ na wɔantie w’ahyɛde; na w’atemmusɛm nso,+ wɔyɛɛ ho bɔne,+ ɛno nso na sɛ obi di so a,+ ɔnam so nya nkwa. Wobuu nnua guu wɔn asom+ na wosinsen wɔn kɔn,+ na wɔantie.+