Hiob 31:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Sɛ mihuu obi a atade a onni nti ɔrewu,+Anaa ohiani a onni nea ɔde kata ne ho; Yesaia 58:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ɛnyɛ ɛno ne sɛ wobɛkyɛ w’aduan mu ama nea ɔkɔm de no,+ na wode ahiafo a wonni baabi te akɔ wo fie?+ Na ɛnyɛ ɛno ne sɛ wubehu obi a ɔda adagyaw na woakata ne ho,+ na womfa wo ho nhintaw wo nua?+ Yakobo 2:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Sɛ onuabarima anaa onuabea bi da adagyaw na onni aduan a ɛbɛso no da no mpo,+
7 Ɛnyɛ ɛno ne sɛ wobɛkyɛ w’aduan mu ama nea ɔkɔm de no,+ na wode ahiafo a wonni baabi te akɔ wo fie?+ Na ɛnyɛ ɛno ne sɛ wubehu obi a ɔda adagyaw na woakata ne ho,+ na womfa wo ho nhintaw wo nua?+