18 Yehowa asɛm ni: “Afei mommra mma yɛntoto nneɛma yiye.+ Sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛyɛ fitaa te sɛ sukyerɛmma,+ na ayɛ kɔɔ te sɛ ɔkɔben mpo a, ɛbɛyɛ te sɛ oguan nhwi.
7 Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan,+ na omumɔyɛfo nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde befiri no aboro so.+
20 mmom no, mekasa kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko+ kan ne afei Yerusalem,+ ne Yudea mantam nyinaa mu, ne amanaman+ no, sɛ wɔnsakra wɔn adwene na wɔmfa nnwuma a ɛkyerɛ adwensakra so nnan mmra Onyankopɔn nkyɛn.+