8 Mɛkɔ akogye wɔn afi Egyptfo nsam,+ na mayi wɔn afi asase no so akɔ asase a eye na ɛtrɛw so, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so,+ baabi a Kanaanfo, Hitifo, Amorifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo+ te.
31 Ɛbaa saa no nkurɔfo no gye dii.+ Na bere a wɔtee sɛ Yehowa adan n’ani+ aba Israelfo so na wahu wɔn amanehunu+ no, wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butuw fam.+
34 Anaa woate pɛn sɛ Onyankopɔn nam sɔhwɛ,+ ne nsɛnkyerɛnne,+ ne anwonwade,+ ne ɔko,+ ne nsa a ɛyɛ den,+ ne basa a wɔateɛ mu+ ne ahude+ so ayi ɔman bi afi ɔman foforo mu de ne din ato wɔn so sɛnea Yehowa mo Nyankopɔn yɛ maa mo wɔ Egypt wɔ mo anim no?