Leviticus 17:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Enti ɛnsɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma adaemone mmirekyi*+ a wɔne wɔn bɔ aguaman+ no bio. Eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa mo awo ntoatoaso nyinaa mu.”’ Leviticus 18:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Motenaa Egypt; monhwɛ na moamfa Egypt kwan so.+ Mede mo rekɔ Kanaan; monhwɛ na moamfa Kanaan kwan so,+ na monnyɛ wɔn amanne. Deuteronomium 29:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Na muhuu wɔn akyide ne wɔn abosom fĩ+ a wɔde nnua ne abo ne dwetɛ ne sika ayɛ a ɛwɔ wɔn nkyɛn no.) Yosua 24:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 “Enti afei munsuro Yehowa+ na momfa koma kronn ne nokwaredi+ nsom no. Na montow anyame a mo agyanom som wɔn wɔ asubɔnten kɛse no agya ne Egypt no ngu,+ na monsom Yehowa.
7 Enti ɛnsɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma adaemone mmirekyi*+ a wɔne wɔn bɔ aguaman+ no bio. Eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa mo awo ntoatoaso nyinaa mu.”’
3 Motenaa Egypt; monhwɛ na moamfa Egypt kwan so.+ Mede mo rekɔ Kanaan; monhwɛ na moamfa Kanaan kwan so,+ na monnyɛ wɔn amanne.
17 Na muhuu wɔn akyide ne wɔn abosom fĩ+ a wɔde nnua ne abo ne dwetɛ ne sika ayɛ a ɛwɔ wɔn nkyɛn no.)
14 “Enti afei munsuro Yehowa+ na momfa koma kronn ne nokwaredi+ nsom no. Na montow anyame a mo agyanom som wɔn wɔ asubɔnten kɛse no agya ne Egypt no ngu,+ na monsom Yehowa.