4 Afei, Egypt hene+ de ɔhene no nua Eliakim+ sii Yuda ne Yerusalem so hene, na ɔsesaa ne din frɛɛ no Yehoiakim. Ne nua Yehoahas de, Neko+ faa no kɔɔ Egypt.+
18 “Enti nea Yehowa aka wɔ Yosia ba Yehoiakim+ a ɔyɛ Yuda hene ho ni, ‘Wɔrennyam no sɛ: “O me nuabarima! O me nuabea!” Wɔrennyam no sɛ: “O yɛn wura! O onuonyamfo!”+
30 Ɛno nti nea Yehowa aka atia Yuda hene Yehoiakim ni, ‘Ɔrennya obi a ɔbɛtena Dawid ahengua so,+ na ne funu nso, wɔbɛtow akyene,+ na ɔhyew aka no awia, na awɔw afa so anadwo.